Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 21 - KYERƐW KRONKRON


Isak awo

1 Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na Awurade yɛɛ Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.

2 Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Abraham ne nkwakorabere mu, bere a Onyankopɔn kaa no ho asɛm no mu.

3 Na Abraham too ɔba a Sara wo maa no no din Isak.

4 Na Abraham ba Isak dii nnawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no.

5 Na Abraham adi mfirihyia ɔha na wɔwoo ne ba Isak maa no.

6 Na Sara kae sɛ: Onyankopɔn ama me ɔserew, obiara a ɔbɛte no bɛserew ama me.

7 Na ose: Hena na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ: Sara bɛma mma nufu? Nanso hwɛ, mawo ba ama no, ne nkwakorabere mu.

8 Na abofra no nyinii, na wotwaa no nufu. Na da a wotwaa Isak nufu no, Abraham tow pon kɛse.


Wɔpam Hagar ne Ismael

9 Na Sara huu Misraimni Hagar ba a ɔwo maa Abraham no sɛ ɔredi fɛw.

10 Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pam afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ebedi ade.

11 Na ne ba no nti asɛm no yɛɛ: Abraham yaw yiye.

12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abofra no ne w'afenaa asɛm no nnyɛ wo yaw, na nea Sara ka kyerɛ wo nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w'asefo.

13 Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛse, efisɛ ɔyɛ w'aseni.

14 Na Abraham sɔree anɔpatutu faa aduan ne nsu kotoku, na ɔde maa Hagar, ɔde sii ne kɔn ho, na ogyaa ɔne abofra no kwan. Na ɔkɔe, kokyinkyinii Beer-seba sare so.

15 Na nsu no sae wɔ kotoku no mu no, ogyaw abofra no wɔ ɔdɔtɔ bi ase,

16 na ɔkɔ kɔtenaa akyiri bɛyɛ sɛnea wɔtow bɛmma a ɛbɛtɔ, na ose: Mma minnhu abofra yi wu! Na ɔtenaa ne ntentenso, na ɔmaa ne nne so sui.

17 Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Onyankopɔn bɔfo fi soro frɛɛ Hagar ka kyerɛɛ no sɛ: Hagar, dɛn na ɛyɛ wo? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ nea ɔwɔ hɔ.

18 Sɔre, ma abarimaa no so, na fa wo nsa so no mu; na mɛyɛ no ɔman kɛse.

19 Na Onyankopɔn buee n'ani, na ohuu asubura bi, na ɔkɔe kɔsaw bi hyɛɛ nsu kotoku no ma, na ɔde bi maa abarimaa no nomee.

20 Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na onyinii, na ɔtenaa sare so hɔ yɛɛ ɔbɛmmatofo.

21 Na ɔtenaa Paran sare so; na ne na kɔwaree yere fi Misraim asase so brɛɛ no.


Abimelek ne Abraham apam

22 Na bere no mu no, Abimelek ne ne safohene: Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: Onyankopɔn di w'akyi wɔ biribiara a woyɛ mu.

23 Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi.

24 Na Abraham kae sɛ: Mɛka ntam no.

25 Na asubura bi a Abimelek nkoa nam anuɔden so gyei no nti Abraham kaa Abimelek anim.

26 Na Abimelek kae sɛ: Minnim nea odii saa asɛm yi, na wo nso, woanka ankyerɛ me, nanso mentee da, sɛ nnɛ.

27 Na Abraham de nguan ne anantwi maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.

28 Na Abraham yii nguanten mma abere ason gyinaa ɔfa.

29 Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Nguanten mma abere ason a wuyii wɔn gyinaa ɔfa yi ase ne dɛn?

30 Na ɔkae sɛ: Nguanten mma abere ason yi, gye wɔ me nsa mu, na ɛnyɛ me adanse, sɛ me na mituu abura yi.

31 Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba a ase ne: Ntanka abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.

32 Na wɔpamee wɔ Beer-seba, na Abimelek ne ne safohene titiriw Pikol sɔree, na wɔsan kɔɔ Filistifo asase so.

33 Na Abraham tɛw asantɛw dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn din wɔ hɔ.

34 Na Abraham yɛɛ ɔhɔho Filistifo asase so nna pii.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan