Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 16 - KYERƐW KRONKRON


Hagar ne Ismael

1 Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afanaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware.

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa.

5 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w'afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w'ani so. Na Sarai tan n'ani na oguan fii ne nkyɛn.

7 Na AWURADE bɔfo huu no nsu aniwa bi ho wɔ sare so, Sur kwan so nsu aniwa no ho.

8 Na ɔkae sɛ: Hagar, Sarai afanaa, wufi he na woreba, na worekɔ he ni? Na ose: Mifi m'awuraa Sarai anim na mereguan.

9 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ w'awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.

10 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ, na dodow nti wɔrentumi nkan wɔn.

11 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ba, na wobɛto no din Ismael, ase ne: Onyankopɔn tie, efisɛ AWURADE ate w'amanehunu.

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum, ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

13 Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beerlahairoi, ase ne: Ɔteasefo a ohu me no abura, hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

15 Na Hagar woo ba maa Abram, na Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no sɛ: Ismael.

16 Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan