Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 14 - KYERƐW KRONKRON


Ahemfo kɔko gye Lot

1 Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal bere so,

2 wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako.

3 Ahemfo yi nyinaa behyiae Sidim bon mu, (ɛno ne nkyene Po no).

4 Mfirihyia dumien na wɔsom Kedorlaomer na afe a ɛto so dumiɛnsa no, wɔtew atua.

5 Na afe a ɛto so dunan no, Kedorlaomer ne ahene a wɔkeka ne ho no bekum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifo wɔ Ham, ne Emifo wɔ Kiriataim tataw so,

6 ne Horifo wɔ wɔn bepɔw Seir so de kosii El-paran a ɛwɔ sare so no.

7 Na wɔsan baa En-mispat, na wɔkaa Amalekfo asase nyinaa ne Amorifo nso a wɔte Hasesontamar no gui.

8 Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ahemfo ne Bela (a ɛne Soar) hene fi bae.

9 Na wɔne Elam hene Kedorlaomer, Goiim hene Tideal, Sinear hene Amrafel ne Elasar hene Ariok de bɛbɔɔ ani wɔ Sidim bon mu, ahene baanan a wɔreko atia baanum.

10 Na Sidim bon mu yɛ ama amoamoa ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo guanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no guan kɔɔ bepɔw so.

11 Na wɔfaa Sodom ne Gomora nneɛma nyinaa ne wɔn nnuan nyinaa de siim kɔe.

12 Na wɔfaa Abram ne nua ba Lot a ɔte Sodom ne n'ahode kɔe.

13 Na oguanfo bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, a ne nuanom ne Eskol ne Aner ne nua, pɔw mu; nso wɔne Abram wɔ apam.


Abram gye Lot

14 Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fi ahasa dunwɔtwe tuu sa tiw wɔn koduu Dan.

15 Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn koduu Hoba a ɛda Damasko benkum so no.

16 Na ɔde nneɛma no nyinaa ne ne nua Lot nso ne ne nneɛma ne mmea no nso ne nkurɔfo no san bae. Melkisedek hyira Abram.

17 Na ɔsan fii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho no so nkonimdi no reba no, Sodom hene fi kohyiaa no wɔ Sawe bon mu.

18 Na Salem hene Melkisedek de abodoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo.

19 Na ohyiraa no sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram,

20 na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w'atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du.

21 Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahode no.

22 Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,

23 sɛ efi asaawa so de kosi mpaboa hama so, meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;

24 gye nea mmerante no adi no nko, ne mmarima a wɔne me kɔe no, Aner, Eskol ne Mamre nya wɔn kyɛfa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan