1 Mose 13 - KYERƐW KRONKRONAbraham ne Lot di ntetewmu 1 Na Abram fii Misraim, ɔno ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, baa negeb. 2 Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa ne dwetɛ ne sika mu. 3 Na odii atutena fi negeb koduu Betel, nea kan ne ntamadan si no, wɔ Betel ne Ai ntam, 4 nea afɔremuka a osii kan no wɔ hɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ. 5 Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nguan ne anantwi ne ntamadan. 6 Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, efisɛ wɔn ahode dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako. 7 Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so. 8 Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w'anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho fi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum. 10 Na Lot maa n'ani so hwɛɛ Yordan nyinaa de kosi Soar huu sɛ ne nyinaa so wɔ nsu te sɛ AWURADE turo no te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no. 11 Na Lot paw Yordan dantaban no nyinaa, na otutu faa apuei fam; na anuanom no dii mpaepaemu. 12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot de, ɔtenaa Yordan dantaban no nkurow mu, na otutuu ne ntamadan ara de koduu Sodom. 13 Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim. 14 Na Lot tew ne ho fii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w'ani so, na fi nea wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafo fam ne apuei ne atɔe. 15 Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa. 16 Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso. 17 Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo. 18 Na Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no ho, na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana