1 Mose 10 - KYERƐW KRONKRONNoa awo ntoatoaso ne n'asefo ( 1 Berɛsosɛm 1.5-23 ) 1 Na eyinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awo ntoatoaso; na nsuyiri no akyi wɔwoo mma. 2 Yafet mma ni: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. 3 Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma. 4 Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim. 5 Eyinom mu na nsuano amanaman no fi kɔpetee wɔn nsaase so, sɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua te, wɔn amanaman mu. 6 Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan. 7 Na Kus mma ne Seba ne Hawila ne Sabta ne Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan. 8 Na Kus woo Nimrod. Ɔno na ofii ase yɛɛ ɔkatakyie asase so. 9 Ɔno na ɔyɛɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim; enti na wɔka sɛ ɔbɔmmɔfo titiriw AWURADE anim te sɛ Nimrod. 10 Na n'ahenni mfiase ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase so. 11 Asase no so na ofi kɔɔ Asaria kɔkyekyee Niniwe, Rehobot-ir ne Kala, 12 Resen a ɛda Niniwe, Kala ntam no, ɛne kurow kɛse no. 13 Na Misraim woo Ludim, Anamim, Lehabim ne Naftuhim, 14 Patrusim, Kasluhim (a Filistifo fii wɔn mu) ne Kaftorim. 15 Kanaan woo n'abakan Sidon, Het, 16 Yebusifo, Amorifo, Girgasifo, 17 Hiwifo, Arkifo, Sinifo, 18 Arwadifo, Semarifo ne Hamatifo. Ɛno akyi na Kanaanfo mmusua petee. 19 Na Kanaanfo hye fi Sidon kodu Gerar de kosi Gasa kodu Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kosi Lasa. 20 Eyinom ne Ham mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase ne wɔn amanaman te. 21 Na wɔwoo mma maa Sem a ɔne Heber mma nyinaa agya ne Yafet ne nua panyin no nso. 22 Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. 23 Na Aram mma ne Us ne Hul, Geter ne Mas. 24 Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. 25 Na Eber woo mma baanu. Nea ɔdi kan no din de Peleg, efisɛ, ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan. 26 Na Yoktan woo Almodad ne Selef Hasarmawet ne Yera, 27 Hadoram, Usal, Dikla, 28 Obal, Abimael ne Saba, 29 Ofir, Hawila ne Yobab; eyinom nyinaa ne Yoktan mma. 30 Na wɔn tenabea fi Mesa kodu Sefar, apuei bepɔw so. 31 Eyinom ne Sem mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn amanaman te. 32 Eyinom ne Noa mma mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi amanaman petee asase so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana