1 Korintofo 12 - KYERƐW KRONKRONHonhom mu nneɛma 1 Na nea ɛfa honhom fam nsɛm ho de, anuanom, mempɛ sɛ mede biribiara mesie mo so. 2 Munim sɛ kan a moyɛ abosonsomfo no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn. 3 Enti merema moahu sɛ, obiara a ɔnam Onyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusude; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so. 4 Nanso adom akyɛde gu ahorow, nanso ɛyɛ Honhom koro no ara. 5 Na ɔsom nnwuma gu ahorow, nanso ɛyɛ Awurade koro no ara. 6 Na dwumadi nso gu ahorow, nanso Onyankopɔn koro no ara na odi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu. 7 Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yiye. 8 Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛnea Honhom koro no ara pɛ. 9 Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛde, Honhom koro no ara mu. 10 Obi nso wɔma no tumideyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no ahonhom ahorow mu nhumu; obi nso wɔma no ɔkasa ahorow, obi nso wɔma no ɔkasa ahorow nkyerɛase. 11 Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ. Nipadua biako a ɛwɔ akwaa bebree 12 Na sɛnea nipadua yɛ biako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua biako no, saa ara na Kristo nso te. 13 Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako. 14 Na nipadua nso nyɛ akwaa biako, na ɛyɛ bebree. 15 Sɛ ɛnan ka sɛ: Menyɛ nsa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? 16 Na sɛ aso ka sɛ: Menyɛ aniwa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? 17 Sɛ nipadua nyinaa yɛ aniwa a, anka ɔte wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛ ɔte a, anka ohua wɔ he? 18 Na afei Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmiako mmiako, sɛnea ɔpɛ. 19 Na sɛ ne nyinaa yɛ akwaa biako a, anka nipadua wɔ he? 20 Na afei akwaa no dɔɔso de, nanso nipadua no yɛ biako. 21 Aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; bio nso eti ntumi nka nkyerɛ nan sɛ: Mo ho nhia me. 22 Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛw bebrebe no, ɛno na ɛho hia. 23 Na nipadua ho ade a ɛyɛ yɛn sɛ enni nidi koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebrebe, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ yɛn ho no nya ahokeka bebrebe; 24 efisɛ nea ɛyɛ fɛ wɔ yɛn ho no, enhia no saa. Na Onyankopɔn de nipadua no atoatoa mu, na akwaa a wommu no no, wama no nidi bebrebe, 25 na mpaepaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwen ade koro ama wɔn ho wɔn ho. 26 Na sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi; sɛ nso wɔhyɛ akwaa biako anuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom di saa anigye no. 27 Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmiako mmiako. 28 Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu sɛ asomafo kan, nea ɛto so abien, adiyifo, nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo, bio nso tumide, ne ayaresa adom akyɛde, aboafo, mpanyin nnwuma, kasa ahorow. 29 Wɔn nyinaa yɛ asomafo? Wɔn nyinaa yɛ adiyifo? Wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo? Wɔn nyinaa wɔ tumide? 30 Wɔn nyinaa wɔ ayaresa adom akyɛde? Wɔn nyinaa kasa kasa ahorow? Wɔn nyinaa kyerɛ kasa ase? 31 Na mommɔ adom akyɛde titiriw no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a eye sen biribiara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana