1 Berɛsosɛm 5 - KYERƐW KRONKRONRuben asefo 1 Na Israel abakan Ruben mma, na ɔno ne abakan de, nanso (Sɛ ɔne n’agya mpena bi dae nti, wɔde n’abakanyɛ no maa Israel ba Yosef mma no, enti wɔankyerɛw wɔn abakanyɛ no, anato nhoma mu. 2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de). 3 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok Palu, Hesron ne Karmi. 4 Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei, 5 ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal, 6 ne ba Beera a Asaria hene Tilgat-pilneser tuu no kɔe no; ɔno ne Rubenfo bapɔmma. 7 Na ne nuanom, sɛ wɔn mmusua te wɔn awo horow so anato mu ne: Otitiriw Yeiel ne Sakaria, 8 ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kosii Nebo ne Baal-meon ho. 9 Na apuei fam nso ɔtenae de kosii sare a efi asubɔnten Eufrate ho no ano; na wɔn mmoakuw dɔɔso Gilead asase so. 10 Na Saul bere so no, wɔne Hagarfo dii ako, na wɔtotɔe wɔn nsa ano, na wɔtenatenaa wɔn ntamadan mu Gilead apuei fam nyinaa. Gad asefo: Hagarfo 11 Na Gad mma tenaa wɔn ntentenso, Basan asase so de koduu Salka. 12 Yoel di ti, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan. 13 Na wɔn nuanom sɛ wɔn mpanyimfi te ne: Mikael ne Mesulam ne Seba ne Yorai ne Yakan ne Sia ne Eber, wɔyɛ baason. 14 Eyinom ne Bus ba Yahdo ba Yesisai ba Mikael ba Gilead ba Yaroa ba Huri ba Abihail mma; 15 Guni ba Abdiel ba Ahi di wɔn mpanyimfi so ti. 16 Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, nea wɔn hye kɔsoe. 17 Wɔkyerɛw wɔn nyinaa anato Yuda hene Yotam bere so ne Israel hene Yeroboam bere so. 18 Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no, nnipa a wotumi mu mmarima a wokura akyɛm ne nkrante na wokuntun ta na wɔasua akodi no si nnipa peduanan anan ne ahanson aduosia a wotumi kɔ ɔsa. 19 Na wɔne Hagarfo ne Yetur ne Nafis ne Nodab dii ako, 20 na wonyaa mmoa ne wɔn koe, na wɔde Hagarfo ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na otiee wɔn, sɛ wɔn ani da no so nti. 21 Na wɔfaa wɔn mmoakuw kɔe: Wɔn yoma mpemnum ne nguan ɔpehanu aduonum ne mfurum mpennu, ne nnipa ɔpeha, nnommum. 22 Na apirafo pii totɔe, na Onyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no fi bae. Na wɔtenatenaa wɔn afa hɔ de kosii otukɔ no mu. Manase abusuakuw fa 23 Na Manase abusuakuw fa no mma tenaa asase no so fii Basan de kosii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔw ho; wɔdɔɔso. 24 Na eyinom ne wɔn mpanyimfi atitiriw: Efer ne Yisi ne Eliel ne Asriel ne Yeremia ne Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wotumi, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanyimfi so atitiriw. 25 Nanso wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wokodii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn, wɔn anim, no anyame akyi aguamammɔ so; 26 ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asaria hene Pul ne Asaria hene Tilgat-pilneser honhom, na otuu Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa no de wɔn koduaa Hala ne Habor ne Harsa ne asubɔnten Gosan ho de besi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana