1 Berɛsosɛm 23 - KYERƐW KRONKRONLewifo som ho nhyehyɛe 1 Na Dawid bɔɔ akora na nna pii mee no no, ɔde ne ba Solomon sii Israel so hene. 2 Na ɔboaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ano hyiae. 3 Na wɔkan Lewifo no, nnipa a wɔadi mfirihyia aduasa ne akyiri no, na wɔn dodow si mmarima ɔpeduasa awotwe. 4 Eyinom mu ɔpeduonu anan na wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so, na mpemnsia nyɛ mpanyimfo ne atemmufo, 5 na mpemnan nyɛ aponanohwɛfo, na mpemnan nso mfa nneɛma a meyɛ memaa ayeyi no nyi AWURADE ayɛ. 6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw: Lewi mma Gerson, Kohat ne Merari. 7 Gersonfo ne: Ladan ne Simei. 8 Ladan mma ne: Otitiriw Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa. 9 Simei mma ne: Selomit ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Eyinom ne Ladan agyanom atitiriw. 10 Na Simei mma ne: Yahat, Sisa ne Yeus ne Beria. Eyinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan. 11 Na Yahat di ti, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔkan wɔn sɛ agya fi biako. 12 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan. 13 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na woyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkron no ho ade, ɔno ne ne mma nkosi daa, sɛ wɔnhyew aduhuam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkosi daa. 14 Na Onyankopɔn nipa Mose de, wɔbɔɔ ne mma din fraa Lewi abusuakuw no mu. 15 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa. 16 Gersom mma: Sebuel di ti. 17 Na Eliesa mma: Rehabia di ti. Na Eliesa nni mma foforo, nanso Rehabia mma de, wɔdɔɔso pii. 18 Yishar mma: Selomit di ti. 19 Hebron mma: Yeria di ti, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan. 20 Usiel mma: Mika di ti, na Yisia di hɔ. 21 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasar ne Kis. 22 Na Eleasar wui, na onni mmammarima, mmabea nko na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn. 23 Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa. 24 Eyinom ne Lewi mma, sɛ wɔn mpanyimfi te, agyanom mu atitiriw sɛ wɔkan wɔn mmiako mmiako, sɛ wɔn din dodow te a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no a wɔadi mfirihyia aduonu ne akyiri. 25 Na Dawid kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ama me man ho adwo wɔn, na watena Yerusalem akosi daa. 26 Na Lewifo no nso nsoa tenabea no ne ne som ho nneɛma nyinaa bio, 27 efisɛ Dawid nsɛm a edi akyiri no mu no wɔkan Lewi mma no dodow de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ. 28 Na wɔn adwuma ne sɛ wɔmmoa Aaron mma nsom AWURADE fi, n’abangua so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronne no nyinaa ho ntew, na wɔnyɛ Onyankopɔn fi som adwuma, 29 na wɔnyɛ kyerɛ abodoo ne asikresam, aduan afɔre ne apiti tetare, ne dade asanka ne akyeduan ho ade, na wɔnhwɛ ɔhyɛ ade ne susuw ade nyinaa so. 30 Na wonnyina hɔ anɔpa daa nna ase nyi AWURADE ayɛ, na anwummere nso saa ara, 31 na wɔmmɔ ɔhyew afɔre nyinaa mma AWURADE, homeda ne ɔsram foforo ne afahyɛ mu, ne dodow mu sɛ n’atɔremude te, AWURADE anim daa, 32 na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no mfa nsom AWURADE fi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana