Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 20 - KYERƐW KRONKRON


Wɔfa Raba
( 2 Samuel 12.26-31 )

1 Na afe no twaa mu no, ɛbere a ahene tu sa mu no, Yoab de dɔm ne ahoɔden nyinaa kɔe kɔsɛee Amonfo asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu, na Dawid de, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na obubui.

2 Na Dawid yii wɔn hene abotiri fii ne ti, na ohui sɛ ne duru yɛ sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu; na wɔde bɔɔ Dawid ti. Na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.

3 Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde awan ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.


Wodi Filistifo so nkunim mprɛnsa
( 2 Samuel 21.15-22 )

4 Na eyi akyi no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifo. Ɛno mu na Husani Sibekai kum Sipai a ofi abran mma no mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase.

5 Na wɔne Filistifo nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kum Gatni Goliat ne nua Lahmi, na ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua.

6 Na wonyaa ɔko bio wɔ Gat, na ɔbarima tenten bi wɔ hɔ a ne nsatea ne ne nansoa yɛ asia asia, esi aduonu anan, na ɔno nso wɔwoo no maa abran no.

7 Na otwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid ne nua Sima ba kum no.

8 Eyinom na wɔwoo wɔn maa abran no wɔ Gat, na wɔtotɔe Dawid ne ne nkoa nsa ano.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan