Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 13 - KYERƐW KRONKRON


Israelfo nyinaa kɔfa apam adaka no
( 2 Samuel 6.1-11 )

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel bagua no nyinaa sɛ: Sɛ eye mo ani so na efi AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsaase nyinaa so ne asɔfo ne Lewifo a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkurow mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ho ano mmra yɛn nkyɛn,

3 na yɛnkɔfa yɛn Nyankopɔn adaka no mmra yɛn nkyɛn; na Saul bere so no, yɛammisa akyi kwan.

4 Ɛnna bagua no nyinaa kae sɛ wɔnyɛ sa, efisɛ asɛm no sɔɔ ɔman no nyinaa ani.

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.

6 Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn AWURADE a ɔte kerubim so a wɔbɔ ne din frɛ no no adaka no afi hɔ aba.

7 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo bi so de fii Abinadab fi. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

8 Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto.

9 Na woduu Kidon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kosoo adaka no mu, efisɛ, na anantwi no hinhim.

10 Na AWURADE bo fuw Usa, na okum no, sɛ ɔteɛɛ ne nsa kaa adaka no nti, na owui Onyankopɔn anim hɔ.

11 Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abu aba Usa so, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de besi nnɛ.

12 Na Dawid suroo Onyankopɔn da no, na ɔkae sɛ: Mede Onyankopɔn adaka no mɛba me nkyɛn dɛn?

13 Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kurow no mu, na ɔde man kɔɔ Gatni Obed-edom fi.

14 Na Onyankopɔn adaka no sii Obed-edom ne ne fifo nkyɛn asram abiɛsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan