1 Berɛsosɛm 10 - KYERƐW KRONKRONSaul wu ( 1 Samuel 31.1-13 ) 1 Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima gui Filistifo anim, na apirafo totɔe Gilboa bepɔw so. 2 Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo kum Yonatan ne Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saul mma no. 3 Na ɔko no den Saul, na agyantofo bɛtoo no, na ne ho yeraw no agyantofo no anim. 4 Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so. 5 Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrante so na ɔtɔe. 6 Na Saul tɔe, na ne mma baasa no ne ne fi nyinaa totɔe prɛko. 7 Na Israelfo a wɔwɔ obon no mu nyinaa hui sɛ asraafo no aguan, na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw wɔn nkurow guanee. Na Filistifo bae bɛtenatenaa mu. 8 Na n’adekyee no, Filistifo baa atɔfo no ho nneɛma yiyi, na wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so. 9 Na woyiyii wɔn ho ade, na wɔfaa ne ti ne n’akode somae ma wɔde kyinii Filistifo asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no. 10 Na wɔde n’akode no kosiee wɔn anyame fi, na ne tikora de, wɔde kɔfam Dagon fi. 11 Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no, 12 akofofo no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saul amu ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wobesiee wɔn nnompe no odupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wodii mmuada nnansɔn. 13 Na Saul wui ne fom a ɔfom AWURADE no ne AWURADE asɛm a wanni so no ne sɛ nso okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade hwehwɛɛ n’akyi kwan, 14 na wanhwehwɛ AWURADE akyi kwan nti, na okum no, na ɔdan ahenni no maa Yese ba Dawid. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana