1 Ahene 7 - KYERƐW KRONKRONSolomon Ahemfi 1 Na Solomon ankasa fi de, mfe dumiɛnsa ansa na owiee ofi no nyinaa si. 2 Osii Lebanon kwae dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonuanum ne ne trɛw, na basafa dunum ne ne korɔn, ɛwɔ nkyeneduru adum kyerɛpɛn anan so, na nkyeneduru mpuran gugu so; 3 na wɔde kyeneduru sɛm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no so no so, besi aduanan anum a dunum yɛ kyerɛpɛn biako. 4 Na nsɛmso mpuran yɛ kyerɛpɛn abiɛsa, na mfɛnsere kyerɛkyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa. 5 Na apon no ne apongua no nyinaa yɛ mpuran ahinanan, na mfɛnsere kyerɛ mfɛnsere anim ahorow abiɛsa. 6 Na ɔyɛɛ adum abrannaa, basafa aduonum anum ne ne ntwemu, na basafa dunum ne ne trɛw; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne atrapoe wɔ anim. 7 Na ɔyɛɛ ahengua abrannaa a ɛhɔ na obebu atɛn, atemmu abrannaa no; na ɔde kyeneduru kataa mu fi fam koduu nsɛmso ani. 8 Na ne dan a ɔbɛtena mu a ɛwɔ abangua biako no mu, abrannaa no akyi no yɛbea te saa ara. Na ɔyɛɛ ɔdan nso maa Farao babea a ɔwaree no no. 9 Eyinom nyinaa yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, wɔde ɔwan na etwae, ɛwowɔ emu fam ne akyiri fam, fi asehyɛ so kɔpem atifi, na efi akyiri fam kosi abangua kɛse no so. 10 Na asehyɛ no yɛ abo a ne bo yɛ den, abo akɛse, basafa nnum nnum abo ne basafa anan anan abo. 11 Na ɛso a wɔtoe no yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, ɛne nkyeneduru. 12 Na abangua kɛse a etwa ho hyia no yɛ abo a wɔasen kyerɛpɛn abiɛsa, ne nkyeneduru mpuran kyerɛpɛn biako; na AWURADE fi no mufam abangua no ne ɔdan no abrannaa no wɔ saa bi. Kɔbere adum abien no 13 Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa Hiram fii Tiro; 14 ɔyɛ Naftali abusuakuw mu ɔbea kunafo bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere dwumfo; na nyansa ne nhumu ne kɔbere adwinni nyinaa ho nimdeɛ ahyɛ no ma; na ɔbaa ɔhene Solomon nkyɛn bedii n’adwinni nyinaa. 15 Na ɔyɛɛ kɔbere adum abien, biako tenten si basafa akron, na hama a ne tenten si basafa asia twa biako ho hyia. 16 Na ɔyɛɛ ntaasotiri abien sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere na egui; basafa abien ne fa ne oduntiri biako korɔn, na basafa abien ne fa nso ne oduntiri biako no korɔn; 17 ntontan a wɔanwene a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no ho, ason wɔ oduntiri biako ho, na ason nso wɔ biako no ho; 18 na ɔyɛɛ atea aba sɛso kyerɛpɛn abien twaa ntontan no ho hyiae de kataa aduntiri no so; saa na ɔyɛɛ oduntiri biako no nso; 19 na ntaasotiri a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwironoa no ho, basafa abien; 20 na adum abien no so ntaasotiri no wɔ ɔsoro nso, n’afuru a ɛtra ntontan no ho; na atea aba sɛso ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntiri biako no ho hyia. 21 Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no ntwironoa no ano, na odum a ɔde sii nifa no, ɔtoo no din Yakin ase ne: Ɔde tim hɔ, na odum a ɔde sii benkum no, ɔtoo no din Boas ase ne: Ne mu na ahoɔden wɔ. 22 Na sukooko adwinni wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no. Asɔrefi nneɛma 23 Na ɔyɛɛ ɛpo no, wogui, efi ano kɔpem ano si basafa anum, ne kontonkron yɛ kurukuruwa, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama twa ho hyia; 24 na kukuduuduu wɔ ano no ase, twa ho hyia, basafa anum anum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn abien na wogui ne gu no ara mu. 25 Ɛwɔ anantwi dumien so: Abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam. 26 Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan; edi galɔn mpedu. 27 Na ɔyɛɛ kɔbere nsugye nnaka du, adaka no biako atwemu yɛ basafa abien, na ne trɛw yɛ basafa abien, na ne korɔn yɛ basafa biako ne fa. 28 Na nnaka no yɛbea ni: Ɛwowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre, na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’agua ntam; na agyata, anantwi ne kerubim wowɔ agua no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinaso bi wɔ agua no so ɔsoro; 29 na agyata ne anantwi no ase no wɔyɛɛ nhabamma nkyekyeree a ɛsensɛn hɔ. 30 Na nnaka no wowɔ kɔbere ntwahonan anan anan ne kɔbere nhyemu dua, na ne nsisonan anan no so wowɔ nsusom nsa bi, wogui, oguasɛn no ase, na nhabamma nkyekyeree wowɔ nkyɛn nkyɛn. 31 Na oguasɛn no ano wɔ adakatiri hankare no mu fam how so kakra basafa biako, na hankare no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinaso basafa biako ne fa, na wodii adwinni ano ano; na ne nhyehyɛmu atɛreatɛre yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa. 32 Na ntwahonan anan no wowɔ nhyehyɛmu atɛreatɛre no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no biako korɔn yɛ basafa biako ne fa; 33 na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam nan yɛbea, ɛho nsa ne ne hankare ne ne mparow ne ne mfinimfini dade no nyinaa nso, wogui. 34 Na nsusom nsa anan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifii. 35 Na nnaka no ti no, wɔyeyɛɛ no nkuruwankuruwa hyiae, ne korɔn yɛ basafa fa, na nnakatiri no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre a efi mu no wɔ. 36 Na odii ne nsa no trɛw ne ne nhyehyɛmu atɛreatɛre no so adwinni: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛnea ntam nnedahɔ tetee no, na nhabamma nkyekyeree twa ho hyia. 37 Sɛɛ na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ tebea koro, nsusuwii koro ne suban koro. 38 Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere aguasɛn du, oguasɛn biako di galɔn ahanan; basafa abien ne guasɛn no biako mu trɛw; nnaka du no nyinaa guasɛn no sisi so mmiako mmiako. 39 Na ɔde nnaka no anum sisii ɔdan no nifa fam, na ɔde anum sisii benkum fam; na ɛpo no de, ɔde sii ɔdan no nifa fam, apuei a ɛkyerɛ nifa fam. 40 Na Hiram yɛɛ aguasɛn no ne sesaw ade ne nkora. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon, AWURADE fi ho no nyinaa yɛ, 41 adum abien no ne adum no atifi ntaasotiri no apɔw abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no, 42 ne ntontan abien no ho atea aba sɛso ahanan no, atea aba sɛso kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata ntaasotiri apɔw abien a ɛwowɔ adum no so no ho, 43 ne nsugye nnaka du no ne nnaka no so aguasɛn du no, 44 ne ɛpo biako ne ɛpo biako no ase anantwi dumien no; 45 ne nseaa ne sesaw ade ne nkora no. Na nneɛma a Hiram yɛ maa ɔhene Solomon de maa AWURADE fi no nyinaa yɛ kɔbere a wɔapɔw ho. 46 Yordan ho asase so dɔte mu na ɔhene gui wɔ Sukot ne Sartan ntam. 47 Na Solomon ankari nneɛma dodow yi, efisɛ ɛdɔɔso pii pa, na wɔanhu kɔbere no nkarii ano. 48 Na Solomon yɛɛ AWURADE fi nneɛma no nyinaa: Sika afɔremuka no ne ɔpon a kyerɛ abodoo no sisi so no, sika; 49 ne akaneadua no, anum wɔ nifa na anum wɔ benkum, mpiakyiri no anim, sika amapa, ne ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no, sika; 50 ne nsanka ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne nso kukuwa no, sika ara nko; na ɔdan no mufam kronkronkronbea hɔ apon ne asɔredan apon no mmofunnua nso yɛ sika. 51 Na wowiee adwuma a ɔhene Solomon yɛe AWURADE fi ho no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne, dwetɛ ne sika ne nneɛma nneɛma no, baa mu de besiee AWURADE fi akorade mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana