Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 13 - Twerɛ Kronkron


Yesu hohoro asuafoɔ no nan ase

1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

3 Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,

4 ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho.

5 Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.

6 Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro me nan ho yi?

7 Yesu bua see no sɛ: Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ.

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi.

10 Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

11 Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no.

12 Ɛnna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ: Moahunu deɛ mayɛ mo yi?

13 Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.

14 Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.

15 Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.

16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.

17 Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.

18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me deɛ, menim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: Deɛ ɔdi me paanoo no na wama ne nantin so atia me.

19 Afei mese mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi sɛ mene no.

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Yesu ka deɛ ɔbɛyi no ama
( Mateo 26.21-25 ; Marko 14.18-21 ; Luka 22.21-23 )

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraa no honhom mu, na ɔdii adanseɛ sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mo mu baako bɛyi me ama.

22 Ɛnna asuafoɔ no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wɔnhunu onii korɔ a ɔne no.

23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;

24 ɛnna Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: Bisa no deɛ ɔreka ne ho asɛm no.

25 Enti ɔpa tweree Yesu koko mu bisaa no sɛ: Awurade, ɛyɛ hwan a?

26 Yesu buaa sɛ: Ɔno ne deɛ mede paanoo sini bɛbɔ mu mama no no. Na ɔde paanoo sini no bɔɔ mu maa Yuda, Simon Iskariot ba no.

27 Na ɔgyee paanoo sini no akyiri no, ɛno na Satan hyɛnee ne mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm!

28 Na yei deɛ, wɔn a wɔte adidiiɛ no mu biara anhunu deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no.

29 Na ebinom susu sɛ Yuda kura kotokuo no nti, Yesu reka akyerɛ no sɛ: Kɔtotɔ deɛ ɛhia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.

30 Ɛnna ɔgyee paanoo sini no no, ntɛm ara na ɔfirii adie; na ɛyɛ anadwo.


Ahyɛdeɛ foforɔ a ɛne ɔdɔ

31 Ɛnna ɔfirii adie no, Yesu kaa sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no animuonyam, na Onyankopɔn anya ne mu animuonyam.

32 Sɛ Onyankopɔn anya ne mu animuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no animuonyam ɔno ara ne mu, na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm.

33 Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.

34 Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!

35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.


Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ
( Mateo 26.33-35 ; Marko 14.29-31 ; Luka 22.31-34 )

36 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekorɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekorɔ no, wontumi nni m’akyi seesei; na akyire yi na wobɛdi m’akyire.

37 Petro see no sɛ: Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.

38 Yesu buaa no sɛ: Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me anaa? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan