Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 11 - Twerɛ Kronkron


Lasaro wuo

1 Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.

2 Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam sraa Awurade na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho no na ne nua Lasaro yareɛ no.

3 Enti ne nuammaanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, deɛ wodɔ no no yare.

4 Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Yesu kɔ Betania

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa no ne Lasaro.

6 Na afei ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ no ara nnanu.

7 Na ɛno akyiri no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio!

8 Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?

9 Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwereɛ dummienu na ɛwɔ da baako mu? Sɛ obi nam awia a, ɔnsunti, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann;

10 na sɛ obi nam anadwo a, ɔsunti, ɛfiri sɛ hann nni ne mu.

11 Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no.

12 Ɛnna n’asuafoɔ no kaa sɛ: Awurade, sɛ wada deɛ a, ɔbɛsɔre.

13 Na Yesu deɛ, ɔkaa ne wuo ho asɛm; na wɔn deɛ, wɔsusuu sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka.

14 Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu;

15 na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ menni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!

16 Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu!


Lasaro wuo ne ne sie

17 Ɛnna Yesu duruu hɔ no, ɔbɛhunuu sɛ wadi ɛda mu nnanan dada.

18 Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini mmienu,

19 na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.

20 Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria deɛ, ɔtenaa fie.

21 Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.

22 Na seesei mpo menim sɛ biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.

23 Yesu see no sɛ: Wo nuabarima no bɛsɔre bio.

24 Marta see no sɛ: Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre.

25 Yesu see no sɛ: Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.

26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?

27 Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.

28 Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo.

29 Ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn.

30 Nanso na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na ɔwɔ deɛ Marta bɛhyiaa no hɔ.

31 Ɛnna Yudafoɔ a wɔne no wɔ efie hɔ regyam no no hunuu sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi kaa sɛ: Ɔrekɔ ɛda no so hɔ akɔsu.


Lasaro nyane

32 Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.

33 Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no,

34 na ɔkaa sɛ: Ɛhe na mode no toeɛ? Wɔsee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ!

35 Yesu sui.

36 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Hwɛ dɔ a ɔdɔ no!

37 Na wɔn mu binom se: Oyi a ɔbuee onifirani ani no, sɛ anka ɔbɛtumi agye oyi afiri wuo mu.

38 Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.

39 Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.

40 Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?

41 Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.

42 Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!

44 Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.

45 Ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.


Kaiafa nkɔmhyɛ

46 Na wɔn mu binom sii mu kɔɔ Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn deɛ Yesu yɛeɛ no.

47 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii.

48 Sɛ yɛgyaa no saa a, nnipa nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.

49 Na wɔn mu baako bi, Kaiafa a ɔdi sɔfo panin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo deɛ, monnim hwee,

50 nanso monnwene sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no, na ɔman no nyinaa ansɛe.

51 Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,

52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.

53 Ɛnna ɛfiri da no ara wɔtutuu agyina wɔn mu sɛ wɔbɛku no.


Yesu twe ne ho kɔ Efraim

54 Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annante Yudafoɔ no mu bio, na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn ɛserɛ soɔ, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ.

55 Na Yudafoɔ Twam no abɛn; na nnipa pii firii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no duruiɛ, sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho.

56 Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wɔgyinaa asɔrefie hɔ sesee wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn na mosusuo? Sɛsɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?

57 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan