Yesaia 66 - Twerɛ KronkronNyaatwomfoɔ asotwe 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ? 2 Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano. 3 Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ; 4 me nso mɛyi amaneɛ bi mama wɔn, na mede deɛ wɔsuro aba wɔn so, ɛfiri sɛ mefrɛe, na obiara annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ no na wɔyiiɛ. Awieeɛ berɛ no mu nkwagyeɛ 5 Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu. 6 Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu! Ɛnne bi firi asɔrefie! AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka no nne! 7 Ɔnnya nkyemeeɛ no, na wawo; awoɔyea nnya nkaa no no, na wawo ɔbabarima. 8 Hwan na wate yei bi pɛn? Hwan na wahunu yei bi da? Wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko? Ɛfiri sɛ awoɔ kaa Sion ara pɛ na ɔwoo ne mma. 9 Me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ɔseɛ. Anaa, me a mema wɔwoɔ no, mɛsi ano anaa? Wo Nyankopɔn na ɔseɛ. 10 Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie, mo a modɔ no nyinaa; mo ne ne ho nsɛpɛ mo, mo a modi ne ho abooboo nyinaa; 11 na moanum n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee, na moafe n’animuonyam mmorosoɔ ama mo bo atɔ mo yam. 12 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merekoa ayiedie mama no, sɛ asubɔnten, ne amanaman ahonyadeɛ nso, sɛ asutene a ayire, na moanom. Nkyɛnmu na wɔbɛturu mo, na wɔagyegye mo anankoroma so. 13 Sɛ obi na kyekyere ne werɛ no, saa ara na me nso mɛkyekyere mo werɛ, na mo werɛ akyekyere wɔ Yerusalem. 14 Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so. Awaefoɔ atemmuo ne wɔn a wɔahweteɛ no saneba 15 Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea. 16 Na ogya na AWURADE de bɛbu atɛn, na ɔde afena ne honam nyinaa adi, na wɔn a AWURADE bɛhwire wɔn mu bɛdɔɔso. 17 Wɔn a wɔte wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wɔdi ɔbaakofoɔ a ɔdi mfimfini akyire, na wɔdi prakonam ne akyiwadeɛ ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm nie. 18 Na menim wɔn nneyɛɛ ne wɔn adwene, na ɛbɛba sɛ mɛboa amanaman ne kasa ahodoɔ nyinaa ano, na wɔaba abɛhunu m’animuonyam. 19 Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu. 20 Na wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman no nyinaa mu abɛyɛ ayɛyɛdeɛ ama AWURADE, apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumupɔnkɔ ne yoma so, aba me bepɔ kronkron Yerusalem so, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ Israel mma de aduane afɔdeɛ a ɛwɔ adeɛ a emu teɛ mu ba AWURADE fie no. 21 Na mɛyi wɔn mu binom nso ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, AWURADE na ɔseɛ. 22 Na sɛdeɛ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a mɛyɛ no bɛgyina m’anim no, AWURADE asɛm nie, saa ara na mo asefoɔ ne mo din bɛgyina. 23 Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ. 24 Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana