Yesaia 64 - Twerɛ Kronkron1 O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ! 2 Sɛ ogya sɔ mmaboa na ogya ma nsuo huru, na woama w’atamfo ahunu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim! 3 Woyɛɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a na yɛnhwɛɛ; anim no, wosiane sii fam na mmepɔ wosoo w’anim! 4 Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko. 5 Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa? Bɔne paemuka 6 Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa. 7 Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera. 8 Na afei, O AWURADE, yɛn Agya ne wo. Yɛn deɛ, dɔteɛ ne yɛn, na wone yɛn nwomfoɔ, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa. 9 O AWURADE, mma wo bo mmfu bebree, na nkae amumuyɛ nkɔsi daa. Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa. 10 Wo nkuro kronkron adane ɛserɛ so, Sion adane ɛserɛ so. Yerusalem ayɛ akurofo. 11 Yɛn kronkronyɛ ne yɛn animuonyam fie a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no wɔde gya ahye, na yɛn anigyebea nyinaa ayɛ amamfo. 12 Yeinom nyinaa mu wobɛhyɛ wo ho so ara, AWURADE, wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa? |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana