Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 59 - Twerɛ Kronkron


Ɔman abɔnefoɔ no sɛeɛ

1 Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ den a ɛrente asɛm,

2 na mmom mo amumuyɛ ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam ateteɛ, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.

3 Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo.

4 Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.

5 Wɔhwane ɔkyerebene nkosua, na wɔnwono ananse ntentan; deɛ ɔdi wɔn nkosua wu, na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia.

6 Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ, na nnipa remfa deɛ wɔyɛ no nkata wɔn ho; Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na akakabensɛm wɔ wɔn nsam.

7 Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho.

8 Asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim, na atɛntenenee nni wɔn akwan mu; wɔayɛ wɔn akwan nkontonkyi, obiara a ɔfa soɔ nnim asomdwoeɛ.

9 Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ, na tenenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.

10 Yɛkeka ɔfasuo ho sɛ anifirafoɔ, na yɛkeka sɛ wɔn a wɔnni ani; yɛsunti awia ketee sɛ kusuu mu, yɛhinhim ahoɔdenfoɔ mu sɛ awufoɔ.

11 Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire, na yɛsi apini sɛ mmuburo; yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ, ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.

12 Na yɛn mmarato dɔɔso w’anim, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn; na yɛn mmarato da yɛn anim, na yɛn amumuyɛ nso, yɛnim.

13 Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa, yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka.

14 Na wɔadane atemmuo ani, na tenenee akɔgyina akyirikyiri; na nokorɛ ahwe ase edwam, na deɛ ɛtene ntumi mma mu.

15 Na nokorɛ ayɛ adeɛ a ɛho yɛ na, na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔfom no fa. Na AWURADE hunui, na ansɔ n’ani sɛ atemmuo biara nni hɔ,

16 na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.

17 Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.

18 Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.

19 Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.

20 Na ɔbɛba sɛ Ɔgyefoɔ ama Sion ne Yakob mu wɔn a wɔsane firi mmarato mu no, AWURADE asɛm nie.

21 Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan