Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 58 - Twerɛ Kronkron


Onyamesom huhuo

1 Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.

2 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan, sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no; wɔbisa me hɔ asɛntenenee, wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn.

3 Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ deɛ mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.

4 Hwɛ, ɔham ne ntɔkwa mu na mode di mmuada, na mobɔ kuturuku atirimuɔden so. Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne wɔ soro.

5 Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie? Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a, yei na wofrɛ no abuadadie ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi anaa?


Mmɔborɔhunu na ɛsɔ Nyankopɔn ani

6 Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua nhoma, ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie, na moabubu kɔnnua nyinaa?

7 Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?

8 Ɛno na wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ, na w’akwahosan afefɛ ntɛm. Wo tenenee bɛdi w’anim, na AWURADE animuonyam abɔ wo kyidɔm.

9 Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua, wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie. Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu, nsateaa tene ne ahuhukasa,

10 na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no, na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a, ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu, na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.

11 Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.

12 Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo, wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina, na wɔafrɛ wo ɔpamago, deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.


Homedadie pa so nhyira

13 Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,

14 ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan