Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 46 - Twerɛ Kronkron


Babel abosom ahweaseɛ

1 Bel butu, Nebo koto; akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni; wɔakyekyere mo nnesoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.

2 Wɔbom koto butu; wɔntumi nnsi amanehunu ano; na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu.

3 Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa, mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu na masoa mo afiri awotwaa mu no, monyɛ aso mma me.

4 Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara, na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn; me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo.

5 Hwan na mode me bɛto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ, na mode no bɛsusu me, na yɛasɛ?

6 Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu, na wɔde nsania kari dwetɛ; wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔnyɛ no onyame; wɔkoto, na wɔsɔre no.

7 Wɔma no so si akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ; ɛntwe ne ho mfiri n’afa; wɔteam frɛ no a, ɔmmua, na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.


Nkwagyeɛ no abɛn

8 Monkae yei, na monnwene ho, mo mmaratofoɔ, mokae ɛ.

9 Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no, sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio; mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa.

10 Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.

11 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma no aba mu; madwene, na mɛyɛ.

12 Montie me, asobrakyefoɔ a mo ne tenenee ntam twe.

13 Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan