Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 44 - Twerɛ Kronkron


Nyankopɔn honhom hwiegu

1 Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ.

2 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne Yesurun a mayi woɔ.

3 Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so.

4 Na wɔbɛfifi sɛ asuo ho serɛ, sɛ nsunoa nnuaa, nsutene so.

5 Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea, na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho; na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea, na ɔde Israel din ato ne ho.


Abosonsom yɛ nkwaseasɛm

6 Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.

7 Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka mfa nsi m’anim. Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no.

8 Mommma mo akoma nntu, na monnsuro! Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ? Na mone m’adansefoɔ. Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.

9 Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.

10 Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ?

11 Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.

12 Ɔtomfoɔ se n’adwinnadeɛ yɛ ogya mu adwuma na ɔde asaeɛ bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wɔ mu yɛ ɛho adwuma; ɛkɔm de no na ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsuo a ɔtɔ piti.

13 Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.

14 Obi kɔbu tweneduro, anaa ɔyi duaboɔ anaa odum wɔ kwaeɛ mu nnua mu ma no nyini ma no; ɔtɛ sennuro, na osuo ma no nyini;

15 na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to paanoo; ebi mpo ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sene ohoni koto no.

16 Ɔde gya hye fa, na ɛfa nso so na ɔtoto nam weɛ, ɔkye so nam di mee; ɔto gya no nso, na ɔse: Wiɛ, me ho ayɛ me hye, mahunu ogya!

17 Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo!

18 Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;

19 na obiara nnwene ho, na nimdeɛ biara nni hɔ, na nhunumu biara nni hɔ na wɔaka sɛ: Mahye ɛfa ogya mu, na mato ne nsramma so paanoo, na makye so nam adi; na nkaeɛ no, memfa menyɛ akyiwadeɛ? Dua sini na menkoto no anaa?

20 Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?


Israel, mma wo werɛ mmfiri me!

21 Kae yeinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel. Me werɛ remfiri wo.

22 Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo.

23 Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.


Nyankopɔn nhyehyɛɛ no

24 Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie: Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa, deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no, deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;

25 deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;

26 deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.

27 Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ: We na mɛma wo nsutene awewe.

28 Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie, na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere! ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan