Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 35 - Twerɛ Kronkron


Ɔman no saneba

1 Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea paradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne;

2 nhyerɛne ara na ɛbɛguo, ahosɛpɛ ne osebɔ mu ara na ɛbɛdi ahurisie; wɔde Lebanon animuonyam bɛma no, Karmel ne Saron nso bɛnya wɔn tumi, wɔn na wɔbɛhunu AWURADE animuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.

3 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu;

4 monka nkyerɛ wɔn a wɔn akoma atuo sɛ: Monhyɛ mo ho den, monnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn nie! ɔde aweretɔ, Nyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abɛgye mo nkwa!

5 Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue, na asotifoɔ aso abue;

6 ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea paradada so;

7 na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ, na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa; na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no, ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.

8 Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.

9 Gyata biara remma hɔ, na aboa adufudepɛfoɔ biara rensi so; wɔrenhunu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa soɔ.

10 Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan