Yesaia 28 - Twerɛ KronkronEfraim ne Yuda ho atemmusɛm 1 Efraim nsabofoɔ ahantan abotire, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam no nnue, kuro a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no sradeɛ bonhwa atifi no. 2 Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no. 3 Na wɔbɛtiatia Efraim nsabofoɔ ahantan abotire no so, 4 na n’ahokyerɛ ahyehyɛdeɛ nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ sradeɛ bonhwa atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a teɛberɛ nnya nnurui a obiara a ɔhu no nsa ka ara pɛ, a ɔdi. 5 Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no, 6 ne atemmuo honhom ama deɛ watena aseɛ rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ahoɔden ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsane korɔ wɔ wɔn kuro pono ano no. 7 Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu. 8 Na ɛfeɛ ne efi ayeyɛ apono nyinaa so ma a ɔkwan biara nni hɔ. 9 Hwan na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ, na hwan nso na ɔbɛma no ate asɛnka aseɛ? Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ, wɔn a wɔate wɔn afiri mpokua ano? 10 Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara; ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ; ɛha kakra, ɛhɔ kakra. 11 Na apɔtɔfoɔ ano ne tɛkyerɛma foforɔ na AWURADE de bɛkasa akyerɛ ɔman yi; 12 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome nie! momma deɛ wabrɛ nhome! na ahodwoɔ nie! nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no. 13 Enti AWURADE asɛm bɛdane wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ahyɛdeɛ atia ahyɛdeɛ, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔahwe ase, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ fidie mu, na wɔakyekye wɔn. Tweaso tiboɔ a ɛyɛ fɛ 14 Enti montie AWURADE asɛm, mo afɛdifoɔ a modi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi soɔ. 15 Na moka sɛ: Yɛne owuo apam, na yɛne Asamando adi nkasasie; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn; ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea, na yɛde nnaadaa akata yɛn so. 16 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane. 17 Na mede atemmuo bɛyɛ susuhoma, na mede tenenee mayɛ nsania, na asukɔtweaa ahum bɛhwim atorɔ dwanekɔbea no, na huntabea no nso, nsuo bɛsram so; 18 na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so; 19 mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, ɛfiri sɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ɛbɛtwam; na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko. 20 Na mpa no nware sɛdeɛ obi bɛtene ne mu wɔ soɔ, ne dabua no nso sɛdeɛ ɔde bɛbua ne soɔ. 21 Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no. 22 Na afei monnni fɛw bio, na mo nkyehoma no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛeɛ pasaa a wɔasuae ato hɔ, firi asafo AWURADE Nyankopɔn no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so. AWURADE agyinatuo a ɛyɛ nwanwa 23 Monyɛ aso na montie me nne, monwɛn mo aso ntie m’asɛm. 24 Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba? Ɔtutu siesie n’asase ani daa anaa? 25 Sɛ ɔma ani tae wie a, ɔgu ɛme, na ɔpete tɛtɛ, na ɔdua ayuo kyerɛpɛn, ne atokoɔ nso wɔ n’afa. Ɛyɛ yei ne afuo no ano? 26 Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ no ne yɛbea a ɛyɛ, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛkyerɛ no. 27 Na ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ na wɔde pore ɛme, na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so; na poma na wɔde boro ɛme, na wɔde abaa boro tɛtɛ. 28 Wɔyam paanoo aburoo, na wɔnna ho mpore no daapem; na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam. 29 Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana