Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 27 - Twerɛ Kronkron


Aman akɛseɛ no asebrɛ

1 Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.

2 Ɛda no, monto bobe turo fɛfɛ no ho dwom:

3 Me, AWURADE, na mehwɛ so, megu so nsuo berɛ nyinaa mu; mehwɛ no awia ne anadwo, na hwee ammɛyɛ no.

4 Abohuro biara nni me mu; sɛ mehunu nkasɛɛ ne nwerɛ ɛ, anka mede ɔko bɛwura mu makɔhye ne nyinaa.

5 Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me, na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.

6 Nna a ɛbɛba no mu Yakob bɛgye nhini, na Israel afefɛ agu nhyerɛne, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.

7 Wahwe wɔn sɛdeɛ ɔhwee wɔn ahwefoɔ no, anaasɛ wɔaku wɔn sɛdeɛ wɔkumm wɔn akumfoɔ no?

8 Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ, sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no.

9 Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa ayɛ sɛ akaadoo ntoantoa a afurofuro, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.

10 Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.

11 Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.

12 Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.

13 Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan