Yesaia 12 - Twerɛ KronkronNkwagyeɛ so aseda dwom 1 Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ. 2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ. 3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu. 4 Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! 5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so. 6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana