Yesaia 11 - Twerɛ KronkronDeɛ wɔasra no no ne n’asomdwoeɛ ahennie 1 Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba. 2 Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom. 3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm, 4 na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ; 5 na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu. 6 Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn. 7 Nantwibereɛ ne sisire bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wira sɛ nantwie. 8 Akɔkoaa bɛgoro ahuritia amena ano, na deɛ watwa nufoɔ atene ne nsa aka ɔkyerebene bɔn. 9 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no. Atukɔfoɔ no bɛsan aba 10 Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam. 11 Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu. 12 Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia. 13 Na Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ, na Yuda ahohiahiafoɔ ase ahye. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio. 14 Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn. 15 Na AWURADE bɛwe Misraim po mu nsuo korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehyeɛ bɛwoso ne nsa akyerɛ Asuo Eufrate so, na wabɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa mpo bɛfa mu. 16 Na tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne man nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana