Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 99 - Twerɛ Kronkron


Onyankopɔn kronkron ho ayeyie

1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.

2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion, na wɔama no so aman nyinaa so.

3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.

5 Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so, na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim. Ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.

7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu, wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ a ɔde maa wɔn no so.

8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ, woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ, ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ.

9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan