Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 95 - Twerɛ Kronkron


Momma yɛnsɔre AWURADE

1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.

2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.

3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ, na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.

5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ, na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.

6 Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.

7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ ne ne nsam nnwan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!

8 Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,

9 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.

10 Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.

11 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam, sɛ wɔrennuru me home mu.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan