Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 88 - Twerɛ Kronkron


Sɔhwɛ kɛseɛ mu mpaebɔ
Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo nne so. Esrahini Heman nnweneho dwom.

1 AWURADE, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, mesu mefrɛ, w’anim, awia ne anadwo,

2 ma me mpaebɔ nnuru w’anim, na brɛ w’aso ase ma me nteamu.

3 Na nnebɔne afono me kra, na me kra rebɛn Asamando.

4 Wɔkane me fra wɔn a wɔkɔ Amena mu mu, mayɛ sɛ ɔbarima a ɔnni mmoa biara.

5 Wɔato me atwene awufoɔ mu sɛ atɔfoɔ a wɔde wɔn agu ɛda mu a wonkae wɔn bio, na wɔatwa wɔn afiri wo nsam.

6 Wode me ato Amena donkodonko mu, esum mu, ebunu ase tɔnn.

7 W’abufuhyeɛ hyɛ me so, na woma w’asorɔkyeɛ nyinaa gu me so.

8 Woayi m’amannifoɔ afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyiwadeɛ, woato me mu a meremfiri adie.

9 Amaneɛ ama m’ani akusa, mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa, metrɛ me nsam mekyerɛ wo.

10 Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ awufoɔ, anaasɛ nsamanfoɔ bɛsɔre ayi wo ayɛ?

11 Wɔbɛka w’adɔeɛ ɛda mu anaa wo nokorɛdie ɔsɛeɛ amena mu?

12 Wɔbɛhunu w’anwanwadeɛ, esum mu, ne wo tenenee awerɛfire asase so?

13 Na me deɛ, wo, AWURADE, na mesu mefrɛ, na me mpaebɔ tua wo nhema.

14 AWURADE, adɛn na woto me kra twene, adɛn nti na wode w’anim hunta me?

15 Meyɛ mmɔborɔni, na mereyɛ mawu firi me mmɔfraase, wo ho hu akuta me, na metɔ ntintan.

16 W’abufuo abu afa me so, wo ho hu atware me;

17 atwa me ho ahyia te sɛ nsuo da mu nyinaa, ɛbom twa me ho kanko.

18 Woayi ɔdɔfo ne adamfo afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na me manni kɔ sum mu.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan