Nnwom 86 - Twerɛ KronkronAhohia kɛseɛ mu mpaebɔ Dawid mpaebɔ. 1 AWURADE, brɛ w’aso ase tie me, na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani. 2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefoɔ; wo, me Nyankopɔn, gye w’abɔfra a ɔde ne ho twere woɔ. 3 O AWURADE, hu me mmɔbɔ, na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa. 4 Ma w’akoa kra ani nnye, na wo, AWURADE, na mema me kra so mema. 5 Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa. 6 AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ, na tie me nkotosrɛ nne. 7 M’ahohia da mu mɛfrɛ wo, na wobɛgye me so. 8 Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE, na biribiara nte sɛ wo nnwuma. 9 Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, AWURADE, na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam. 10 Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn. 11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan, mɛnante wo nokorɛ mu; ka m’akoma bom ma no nsuro wo din. 12 O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, na mahyɛ wo din animuonyam daa, 13 sɛ w’adɔeɛ so wɔ me soɔ, na woayi me kra afiri Asamando bunu mu. 14 Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so. 15 Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso. 16 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me, fa w’ahoɔden ma w’akoa, na gye w’afenaa ba nkwa. 17 Yɛ me ho nsɛnkyerɛnneɛ ma no nsi me yie, na m’atamfoɔ nhunu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekyere me werɛ. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana