Nnwom 85 - Twerɛ KronkronAdom ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. 1 AWURADE, woadom w’asase, wode Yakob agyapadeɛ asane aba, 2 wode wo man mfomsoɔ akyɛ, woakata wɔn bɔne nyinaa so. 3 Woatwe w’anibereɛ nyinaa, woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu. 4 Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam. 5 Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa? Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu? 6 Worensane mma yɛn nkwa, na wo man ani nnye wo ho? 7 AWURADE, ma yɛnhunu w’adɔeɛ, na fa wo nkwagyeɛ ma yɛn. 8 Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ, na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu. 9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no, na animuonyam atena yɛn asase so. 10 Adom ne nokorɛ bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ adi mfeano. 11 Nokorɛ bɛfifiri asase so, na tenenee afiri soro ahwɛ. 12 Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ. 13 Tenenee bɛdi n’anim, na asi n’anammɔn kwan so. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana