Nnwom 83 - Twerɛ KronkronIsrael atamfoɔ Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn. 2 Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wɔkyiri woɔ ama wɔn tiri so. 3 Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam, na wɔkɔ wɔn a wɔahunta no tiri so agyina. 4 Wɔka sɛ: Mommra mma yɛnku wɔn ase mfiri ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio. 5 Na wɔde akoma korɔ tu agyina, wo tiri so na wɔpam. 6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ, Moab ne Hagarfoɔ, 7 Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro. 8 Asiria nso de ne ho bataa wɔn ho, wɔaboa Lot mma. 9 Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera, sɛ Yabin, Kison subɔn mu. 10 Wɔsɛee wɔ Endor, na wɔyɛɛ sɛ nwira dodoɔ maa asase. 11 Yɛ wɔn ne wɔn adehyeɛ sɛ Oreb ne Seeb, na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna, 12 wɔn a wɔka sɛ: Momma yɛmfa Nyankopɔn afie nni, no. 13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a ɛdi kyinhyia, sɛ mframa anim ntɛtɛ. 14 Sɛ ogya a ɛhye kwaeɛ na ogyaframa tafere mmepɔ ho no, 15 saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa denden no yi wɔn hu. 16 AWURADE, ma wɔn ani nwu, na wɔmmisa wo din akyiri kwan. 17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa, na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera, 18 na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana