Nnwom 82 - Twerɛ KronkronIsrael atamfoɔ Asaf dwom. 1 Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu, ɔbu atɛn anyame ntam. 2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie? 3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni. 4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani, monhwim wɔn mfiri abɔnefoɔ nsam. 5 Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso. 6 Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma, 7 nanso mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara. 8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana