Nnwom 79 - Twerɛ KronkronAWURADE gye wo man Asaf dwom. 1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago. 2 Wɔde wo nkoa amu ama ewiem nnomaa adi, wɔde w’ahotefoɔ nam ama asase so mmoa. 3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ. 4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. 5 Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya? 6 Hwie w’abufuo gu amanaman a wɔnni woɔ ne ahennie a wɔmmɔ wo din no so, 7 na wɔamene Yakob, na wɔahye ne tenabea ase. 8 Nkae akanefoɔ amumuyɛ mfa ngu yɛn so, yɛ ntɛm ma w’ayamhyehyeɛ mmɛhyia yɛn, na wɔabrɛ yɛn ase fɔmm. 9 Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so. 10 Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were. 11 Ma ɔpokyerɛni apinisie nnuru w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ teɛ no, kora owuo mma. 12 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dane no mprɛnson gu wɔn kokom. 13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana