Nnwom 74 - Twerɛ KronkronAsafo no amanehunu mu sufrɛ Asaf nnweneho dwom. 1 Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan? 2 Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no, Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no. 3 Ma wo nan so bɛhwɛ daa amamfo no, ɔtamfoɔ asɛe kronkronbea hɔ ade nyinaa. 4 W’atamfo teateam w’ahyiaeɛ mu, wɔasi wɔn nsɛnkyerɛnneɛ de ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ. 5 Wɔyɛɛ sɛ nnipa a wɔma mmonnua so kɔ soro de rebɛbu kwae mu nnupa, 6 na afei — ɛho nnwinneɛ nyinaa, wɔde akuma ne asaeɛ abubu. 7 Wɔde ogya ato wo kronkronbea hɔ, wɔagu deɛ wo din tenaeɛ no ho fi. 8 Wɔkae wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛmmia wɔn nkɔ fam prɛko. Wɔahyehye Nyankopɔn ahyiaeɛ nyinaa asase so. 9 Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie. 10 Onyankopɔn, ɔhohiahiafoɔ nka ahohorasɛm nkɔsi da bɛn? Ɔtamfoɔ ngu wo din ho fi daa anaa? 11 Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi firi wo kokom, wie wɔn. 12 Nanso Onyankopɔn ne me hene firi teteete, ɔyɛ ɔgyeɛ adwuma asase so. 13 Wo na wode w’ahoɔden paee po mu, wobobɔɔ nsuo atweaseɛ ti, nsuo no ani. 14 Wopɛkyɛɛ dɛnkyɛmmirampɔn ti, wode no yɛɛ ɛserɛ sofoɔ aduane. 15 Wo na woyii nsuo ani ne asubɔnten, womaa asukɛseɛ a ɛsene daa wee. 16 Adekyeeɛ yɛ wo deɛ, anadwo nso wɔ wo, wo na woasiesie akanea ne owia. 17 Wo na woatwa asase ano nyinaa hyeɛ, wo na woyɛɛ ahuhuro ne awɔ berɛ. 18 Kae yei sɛ atamfoɔ bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman agyegyentwie guu wo din ho fi. 19 Mfa w’anyankuku kra nhyɛ mmoa nsa, mma wo werɛ mmfiri wo mmɔborɔfoɔ kra da. 20 Ma w’ani mmra apam no so, na atirimuɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma. 21 Mma deɛ wɔhyɛ no soɔ mmfa ahohora nnsane mmma, ma ɔmanehunufoɔ ne ohiani nyi wo din ayɛ. 22 Onyankopɔn, sɔre, bɛdi wo ara w’asɛm, kae sɛdeɛ nkwasea bɔ wo ahohora da mu nyinaa. 23 Mma wo werɛ mmfiri w’atamfo nne, wɔn a wɔsɔre tia woɔ no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana