Nnwom 61 - Twerɛ KronkronBanbɔ ho adesrɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid deɛ. 1 Onyankopɔn, tie me sufrɛ, yɛ aso ma me mpaebɔ. 2 Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so. 3 Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim. 4 Mɛtena wo ntomadan mu daa, mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase. 5 Na wo, Onyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wɔsuro wo din agyapadeɛ ama me. 6 Wobɛto ɔhene nna so, na ne mfeɛ akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so. 7 Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa, fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so. 8 Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboadeɛ daa daa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana