Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 6 - Twerɛ Kronkron


Nkotosrɛ mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto no “Seminit” ɛnne so. Dawid dwom.

1 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim, na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso.

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,

3 na me kra nso abɔ huboaa sɛ. Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn?

4 Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra, gye me nkwa w’adɔeɛ nti.

5 Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu. Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ?

6 M’apinisie ama mabrɛ, anadwo biara, me mpa fɔ, mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.

7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ samoo, ɛso ayɛ wisiwisi, m’ahohiahiafoɔ nyinaa nti.

8 Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi! Na AWURADE ate me su.

9 AWURADE ate me nkotosrɛ, AWURADE bɛgye me mpaebɔ so.

10 M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ, na wɔapatu de fɛreɛ asane.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan