Nnwom 59 - Twerɛ KronkronDwom a ɛtia nkɔnkɔnsa Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Ɔtoo no berɛ a Saulo soma baa ne fie sɛ wɔnku no no. 1 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho. 2 Gye me amumuyɛfoɔ mu, na gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam. 3 Na hwɛ, wɔtɛ me kra, akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me. AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti. 4 Ɛnyɛ amumuyɛ nti na wɔtu mmirika siesie wɔn ho. Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ. 5 Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyane bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ mmɔbɔ. 6 Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ akraman, na wɔdi kuro mu kyinhyia. 7 Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?” 8 Na wo, AWURADE, wosere wɔn, wodi amanaman nyinaa ho fɛw. 9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛseɛ. 10 Me Nyankopɔn de n’adom bɛhyia me, Onyankopɔn bɛma mahunu deɛ mepɛ, m’atɛfoɔ ho. 11 Nku wɔn, na me man werɛ amfi; fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam, yɛn kyɛm ne wo, AWURADE. 12 Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu, ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti. 13 Hye wɔn abufuo mu, hye wɔn na wɔantena hɔ, na ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so hene kɔsi asase ano. 14 Na wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ akraman na wɔdi kuro mu kyinhyia. 15 Wɔn deɛ, wɔdwane hwehwɛ aduane, na sɛ wɔmmee a, wɔtena hɔ anadwo. 16 Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔeɛ ho ahurisie dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛseɛ ne me hia da mu dwanekɔbea. 17 M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ, m’adom Nyankopɔn. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana