Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 55 - Twerɛ Kronkron


Deɛ ayɔnkofoɔ ayi no ama
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom.

1 Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhunta wo ho mfiri me nkotosrɛ ho.

2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so. M’adwene mu nnwane wɔ m’abooboo mu, na mesi apini,

3 ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. Na wɔbɔ mmusuo gu me so, na wɔde abufuo tane me.

4 M’akoma pere wɔ me mu, na owuo ho hu agu me so.

5 Suro ne ahopopoɔ aba me so, na ahoyera akata me so.

6 Na mese: O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo deɛ ɛ, anka mɛtu makɔtena baabi.

7 Aane, anka mɛdwane makɔ akyirikyiri, na makɔtena serɛ so.

8 Anka mɛyɛ ntɛm madwane mafiri mframa kɛseɛ ne ahum yi mu.

9 AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paepae wɔn tɛkyerɛma mu, na mahunu amimdie ne aperedie, kuro no mu.

10 Awia ne anadwo wɔnam n’afasuo so twa ho hyia, na amumuyɛ ne ɔhaw wɔ mu.

11 Amammɔsɛm wɔ mu, na nhyɛsoɔ ne nnaadaa mpa n’abɔntene so.

12 Na ɛnyɛ ɔtamfoɔ na ɔbɔ me ahohora, ɛno deɛ, anka mɛtie. Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me soɔ, anka mede me ho bɛhunta no.

13 Na wo dasani a me ne wo bɔ soɔ, me yɔnko ne me manni,

14 wo a wo ne me di atirimusɛm dɛdɛ, na yɛnam yɔɔ kɔ Nyankopɔn fie.

15 Ma owuo nto nsi wɔn so, ma wɔnsiane nkɔ Asamando anikan, na nsɛmmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.

16 Me deɛ, mɛsu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abɛgye me.

17 Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina na mɛdwene me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.

18 Wagye me kra asomdwoeɛ mu, na wɔammɛn me, na wɔn a wɔne me anya dɔɔso.

19 Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn. Na ɔno na ɔte hɔ firi teteete. Wɔn deɛ, wɔnsakyera, nanso wɔnsuro Onyankopɔn.

20 Ɔtene ne nsa ne nnamfonom so, wabu n’apam so.

21 N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta, na ɔko wɔ n’akomam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo, nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.

22 Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.

23 Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu, mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ renni wɔn nna fa, na me deɛ, mede me ho meto wo so.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan