Nnwom 53 - Twerɛ KronkronNnipa amumuyɛ ( Nnwom 14 ) Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Wɔnto no “Mahalat” sankuo nne so. 1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. 2 Onyankopɔn firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan. 3 Nanso wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ. 4 Amumuyɛfoɔ anhunu de, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre Onyankopɔn? 5 Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn. 6 Hwan na ɔde Israel nkwagyeɛ bɛfiri Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man agyapadeɛ bɛsane aba no, Yakob bɛdi ahurisie, na Israel ani agye. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana