Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 50 - Twerɛ Kronkron


Nyamesom pa
Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.

2 Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.

3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehye adeɛ, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.

4 Ɔrefrɛ ɔsorofoɔ firi ɔsoro aba, ne asase, sɛ ɔrebɛbu ne man atɛn:

5 Mommoaboa m’ahotefoɔ ano mma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no.

6 Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.

7 Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.

8 Ɛnyɛ wo kum afɔdeɛ nti na mɛka w’anim, na wo hyeɛ afɔdeɛ wɔ m’anim daa.

9 Meremfa wo fie mu nantwinini, wo nnwammuo mu mpapo,

10 ɛfiri sɛ kwaeɛ mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔ apem so mmoa.

11 Menim mmepɔ so ntakraboa nyinaa, na wiram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ.

12 Sɛ ɛkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me.

13 Medi anantwinini nam? Na menom mpapo mogya?

14 Fa aseda afɔdeɛ bɔ Onyankopɔn, na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;

15 na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.

16 Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ, na wode w’ano bɔ m’apam din,

17 na wo korɔ yi ara wokyiri animka, na woto me nsɛm gu w’akyire?

18 Sɛ wohunu owifoɔ a, wopɛ n’asɛm, na wo ne awaresɛefoɔ bɔ.

19 Wogyaa w’ano mu kɔ bɔne mu, na wo tɛkyerɛma toatoa nnaadaasɛm.

20 Wotena ase ka wo nua ho nsɛm, wo na ba mpo, wosopa no.

21 Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti, wosusu sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.

22 Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

23 Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan