Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 5 - Twerɛ Kronkron


Anɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom.

1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.

2 Tie me nteamu, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.

3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.

4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne, ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.

5 Agyimifoɔ rennyina w’anim, wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7 Na me deɛ, menam w’adom bebree so mɛba wo fie, na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.

8 AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛ me nti, tene wo kwan wɔ m’anim.

9 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi, wɔn yam wɔ mmusuo, wɔn menewa yɛ ɛda a abue, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.

10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, na wɔasɔre atia wo.

11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, ɛfiri sɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.

12 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan