Nnwom 47 - Twerɛ KronkronOnyankopɔn di hene Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. 1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn. 2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so. 3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase. 4 Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn, Yakob a ɔdɔ no no animuonyam. 5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ. 6 Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom, monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom. 7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sankuo nto nnweneho dwom. 8 Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so. 9 Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea, wɔama no so kɛse. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana