Nnwom 38 - Twerɛ KronkronAmanehunu mu ahonu dwom Dawid dwom a wɔde bɔ nkaeɛ afɔdeɛ. 1 Ao, AWURADE, ntwi m’anim w’abufuo mu, na ntwe m’aso w’anibereɛ mu; 2 na w’agyan awowɔ me aka mu, na wo nsa aduru me so. 3 W’abufuhyeɛ nti ahoɔden bi nni me honam mu, me bɔne nti nkwahosan bi nni me nnompe mu; 4 na me mfomsoɔ aboro me tiri so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro. 5 M’akuro bɔn na aporɔ m’agyimisɛm nti. 6 Mapompono na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo. 7 Na ahyehyekuro ayɛ m’asene mu ma, na ahoɔden bi nni me honam mu; 8 mahodwo na mabubu pasaa, m’akoma apinisie nti mesu denden. 9 AWURADE, deɛ mepɛ nyinaa da w’anim, na m’apenepene nhunta wo. 10 M’akoma bɔ paripari, m’ahoɔden atu, na m’aniwa hann mpo nni me ho bio. 11 M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn, na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri. 12 Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa. 13 Na me deɛ, mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, na mete sɛ emum a ɔmmue n’ano. 14 Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm na n’anomu nni ntuatuaano. 15 Na wo, AWURADE, na m’ani da wo soɔ, AWURADE, me Nyankopɔn, wobɛbua. 16 Na mese: Mma wɔn ani nnnye wɔ me ho, na sɛ me nan watiri a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so. 17 Na mereyɛ mahwe ase, na me yea wɔ m’anim daa. 18 Na meka me mfomsoɔ, me bɔne nti me werɛ aho. 19 Na m’atamfoɔ ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den, na wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso. 20 Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a medi akyire nti wɔpɛ me ho asɛm. 21 AWURADE, nnya me, me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware. 22 Yɛ ntɛm bɛboa me, AWURADE, m’agyenkwa! |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana