Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 34 - Twerɛ Kronkron


AWURADE adɔeɛ ne n’ayamyɛ ho dwom
Dawid deɛ a ɔtoeɛ berɛ a ɔdanee sɛ ɔbɔdamfoɔ Abimelek anim na ɔpamm no maa no kɔeɛ no.

1 Mɛhyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.

2 AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.

3 Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.

4 Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.

5 Wɔn a wɔhwɛɛ no no anim tee, na wɔn anim angu ase.

6 Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no, na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.

7 AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia, na ɔgye wɔn.

8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ, nhyira ne onipa a ɔdwane kɔtoa no.

9 AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no! na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.

10 Gyata mmuruwa bɛdi hia na ɛkɔm ade wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no adepa biara remmɔ wɔn.

11 Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.

12 Mo mu hwan na ɔhwehwɛ nkwa, na ɔpɛ onyinkyerɛ sɛ ɔbɛhunu papa?

13 Kora wo tɛkyerɛma, bɔne ho, ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.

14 Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.

15 AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.

16 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.

17 Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie, na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.

18 AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo, na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.

19 Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.

20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.

21 Bɔne bɛkum ɔbɔnefoɔ, na wɔn a wɔtane ɔteneneeni no bɛbrɛ mu.

22 AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa remmrɛ mu.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan