Nnwom 33 - Twerɛ KronkronWiase sodie ho dwom 1 Ateneneefoɔ, momfa anigyeɛ nhuro AWURADE mu, ɛsɛ wɔn a wɔtene no sɛ wɔyi no ayɛ. 2 Momfa sankuo nna AWURADE ase, momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom! 3 Monto dwom foforɔ mma no, mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho! 4 Na AWURADE asɛm tene, na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu. 5 Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo, AWURADE adɔeɛ ahyɛ asase so ma. 6 AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa. 7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo, ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ. 8 Ma asase nyinaa sofoɔ nsuro AWURADE, wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no; 9 na ɔno na ɔka a, ɛba mu, ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ. 10 AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa. 11 AWURADE agyina deɛ, ɛgyina hɔ daa, n’akomam adwene wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. 12 Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ. 13 AWURADE firi soro hwɛ, ɔhunu nnipa mma nyinaa. 14 Ɔte ne tenaberɛ na ɔhwɛ asase sotefoɔ nyinaa. 15 Ɔno na ɔnwono wɔn nyinaa akoma, ɔhu wɔn nnwuma nyinaa mu. 16 Ɔhene biara mfa ɛdɔm dodoɔ nni nkonim, ɔbrane mfa ahoɔden kɛseɛ nnye ne ho. 17 Nkwagyeɛ mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu na wɔmfa n’ahoɔden dodoɔ nnye onipa. 18 Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wɔsuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so, 19 sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu, na wama wɔanya nkwa ɛkɔm mu. 20 Yɛn kra twɛn AWURADE, yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm ne no. 21 Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so. 22 AWURADE, ma w’adɔeɛ ntena yɛn so, sɛdeɛ yɛn ani da wo soɔ no. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana