Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 32 - Twerɛ Kronkron


Bɔne fakyɛ mu ahotɔ
Dawid deɛ. Nnweneho dwom.

1 Nhyira ne deɛ wɔde ne mmarato akyɛ no, na wɔakata ne bɔne soɔ.

2 Nhyira ne onipa a AWURADE mmu n’amumuyɛ ngu ne soɔ, na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Na memuaa m’ano no, me nnompe hodwoe, m’apinisie a mesii no daa nyinaa nti.

4 Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsuo twee, na mekusaa sɛ awia berɛ mu.

5 Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.

6 Yei nti teeni biara mmɔ wo mpaeɛ da a ɔbɛhu woɔ no. Ampa ara, sɛ asu kɛseɛ yiri a, ɛremfa ɔyaa korɔ.

7 Wone me huntabea, wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me, na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.

8 Na wo AWURADE aka sɛ: Mɛbue w’adwene mu na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa soɔ, m’ani wɔ wo so, na mɛtu wo fo.

9 Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de, nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn, anka wɔrentwe mmɛn wo.

10 Ɔbɔnefoɔ yea dɔɔso, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no, wɔde adɔeɛ bɛdi no barehyia.

11 Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie! Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan