Nnwom 30 - Twerɛ KronkronAseda dwom Dwom a wɔto de dwiraa Asɔredan no ho. Dawid dwom. 1 Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti. 2 AWURADE, me Nyankopɔn, mesu mefrɛɛ wo, na wosaa me yadeɛ. 3 AWURADE, woatwe me kra afiri Asamando, woama me nkwa na mankɔ Amena mu. 4 Monto AWURADE dwom, mo a moyɛ n’ahotefoɔ, na monyi ne din kronkron no ayɛ. 5 Na n’abufuo kyɛre kakraa bi, na n’adɔeɛ deɛ, ɛtena hɔ kyɛre sɛ nkwa berɛ. Osu bɛsoɛ anadwo, na adeɛ kye a, na anigyeɛ aba. 6 Na me deɛ, mesee m’ahodwoɔ mu sɛ: Merenhinhim ara da. 7 AWURADE, wode w’anisɔ ama me atim denden sɛ bepɔ, na wode w’ani huntaa no, m’akoma tui. 8 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛɛ woɔ, na mekoto mesrɛɛ AWURADE sɛ: 9 Ɛdeɛn mfasoɔ na ɛwɔ me so wɔ m’Amena mu korɔ mu? Mfuturo bɛda wo ase anaa? Ɛbɛka wo nokorɛ akyerɛ anaa? 10 AWURADE, tie, na hu me mmɔbɔ! AWURADE, bɛboa me! 11 Woama m’abooboo adane me asa, woasane me ho ayitoma, na wode anigyeɛ abɔ me abɔsoɔ, 12 na m’animuonyam ato wo dwom, na annyae da. AWURADE, me Nyankopɔn, mɛda wo ase daa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana