Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 29 - Twerɛ Kronkron


Nyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum mu
Dawid dwom.

1 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE, momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.

2 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.

3 AWURADE nne wɔ nsuo so, animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsuo bebree so.

4 AWURADE nne mu yɛ den sɛ, AWURADE nne mu wɔ animuonyam.

5 AWURADE nne bubu ntweneduro, AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.

6 Na ɔma wɔhurihuri sɛ nantwie ba, Lebanon ne Sirion sɛ okoo ba.

7 AWURADE nne pa gya a ɛdɛre.

8 AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him, AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po.

9 AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ, na ɛma kwaeɛ mu da hɔ, na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn.

10 AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.

11 AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan