Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 149 - Twerɛ Kronkron


Sion, yi AWURADE ayɛ

1 Monyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu.

2 Ma Israel ani nnye ne yɛfoɔ ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurisie.

3 Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.

4 Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ.

5 Ahotefoɔ hyehyɛ wɔn ho animuonyam mu, wɔto ahosan dwom, wɔn nnaeɛ so.

6 Nyankopɔn ayeyie a ɛso wɔ wɔn anomu, na nkrantɛ anofanu hyɛ wɔn nsam,

7 sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were, na wɔatwe aman aso;

8 sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn bɛkyekyere wɔn ahemfo, na wɔde dadeɛ mpokyerɛ agu wɔn atitire;

9 sɛ wɔde atɛn a wɔatwerɛ no bɛbu wɔn; ɛne n’ahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monyi AWURADE ayɛ!

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan