Nnwom 148 - Twerɛ KronkronNyankopɔn nkamfoɔ 1 Monyi AWURADE ayɛ! Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro, monyi no ayɛ sorosoro. 2 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ. 3 Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ, nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ. 4 Mo soro mu soro, monyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ. 5 Ma wɔnyi AWURADE din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn; 6 na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra. 7 Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so, nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa; 8 ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ: 9 Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa, 10 wiram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa. 11 Asase so ahemfo ne aman nyinaa, atitire ne asase so atemmufoɔ nyinaa, 12 mmeranteɛ ne mmabaa nso, mpanin ne mmɔfra: 13 Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so. 14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ! |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana